Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Otumfo agyan no wɔ me mu, me honhom nom ano bɔre no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na Otumfo agyan tuatua me mu, me honhom renom emu bɔre, Onyankopɔn ahiiyide atwa me so mpasua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 6:4
30 Iomraidhean Croise  

Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.


N’asafo ahodoɔ bɔɔ mu bae, na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so, na wɔkyeree nsraban twaa me ntomadan ho hyiae.


Ɔbɛfefe ahuritia borɔ, na ɔprammire tɛkyerɛma bɛku no.


Ma n’ani nhunu ne mmusuo, na ɔnnom Otumfoɔ no abufuhyeɛ no bi.


Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum.


Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛfiri Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.


Me bem mu ara na wɔbu me torofoɔ, m’agyan kuro mu ayɛ den, nanso mmarato nni me mu.


Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ, adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi?


Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,


O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.


Na ɔtotoo n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee ne asraman bebree de tanee wɔn ani.


Na wobɛma wɔasane wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.


na w’agyan awowɔ me aka mu, na wo nsa aduru me so.


W’abufuhyeɛ nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti nkwahosan bi nni me nnompe mu;


W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfoɔ akoma mu.


Na wasiesie owuo adeɛ ama onii korɔ no, wayɛ n’agyan ma no hye adeɛ.


Akoma nim ne kra awerɛhoɔ, na n’anigyeɛ nso, ɔhɔhoɔ mfa ne ho mfra mu.


Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?


mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, ɛfiri sɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ɛbɛtwam; na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko.


Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ, wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ, na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya agu Sion babaa ntomadan so.


me nko me so na ɔdane ba, ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa.


Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?


Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.


Mɛma m’agyan aboro mogya, na me nkrantɛ adi nam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan