Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 42:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no; na Awurade tiee Hiob mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 42:9
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yadeɛ maa wɔwowoe.


Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.


Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua.


Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.


Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.


Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan