Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 42:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛno nti mibu me ho animtiaa na mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 42:6
28 Iomraidhean Croise  

Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:


Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.


Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.


Wato me atwene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔteɛ ne nso.


Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka, na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.


Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.


ɛno nso wode me bɛto amena mu, na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu.


Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.


Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;


Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie? Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a, yei na wofrɛ no abuadadie ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi anaa?


Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.


Na sɛ kwata no apue afiri wedeɛ mu akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa firi n’atifi kɔsi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfoɔ no ani bɛhwɛ no,


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.


Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan