Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 42:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, Awurade san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 42:10
34 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho, na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie; ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so, daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.


Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa.


Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.


Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.


Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa?


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Me na sika ne dwetɛ wɔ me, asafo AWURADE asɛm nie.


Na AWURADE faa Aaron ho abufuo kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no, na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa berɛ no.


Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!


Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.


Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.


Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.


Na ɔse: Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie;


AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yadeɛ maa wɔwowoe.


Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Na ɔwoo mmammarima baason ne mmammaa baasa.


Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan