Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 40:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede meto m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede meto m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae? Mede me nsa mua mʼano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ? Mede me nsa memua mʼano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo? Me nsa na mede meto m’ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 40:4
35 Iomraidhean Croise  

Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:


w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.


Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!


Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom.


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.


Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.


Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim, sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no.


Monnane mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiri mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano.


Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butu wɔn ano.


anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutuo dodoɔ, mɛtwe apini no sɛ ɔhene.


Ma yɛnhunu deɛ yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhunu deɛ yɛnka.


Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


Matɔre mum, memmue m’ano, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.


Sɛ woayɛ nkwaseadeɛ ama wo ho so, na sɛ woabɔ pɔ a, fa wo nsa to w’ano.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu, ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ;


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.


Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.


Na sɛ kwata no apue afiri wedeɛ mu akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa firi n’atifi kɔsi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfoɔ no ani bɛhwɛ no,


Amanaman bɛhunu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninneɛ nyinaa ho; wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano, na wɔn aso nso bɛsisi.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na ɛne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfoɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi sɔfoɔ ama onipa baako fie anaasɛ wobɛdi sɔfoɔ ama Israel mu abusuakuo ne abusua?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan