Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 4:3
21 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.


aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.


Na aso te a, ɛhyira me, na ani hu me a, ɛdi me adanseɛ.


Meyɛɛ aniwa maa onifirani, na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye;


meyɛɛ agya maa ahiafoɔ, na deɛ menni no no mpo asɛm, mehwehwɛ mu maa no;


Me na wɔtie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotuo;


wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den.


Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii, na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu.


Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim.


Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu;


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti,


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.


Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.


Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan