Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu; anka mada regye mʼahome

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu; anka mada regye mʼahome

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Anka sesɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno de anka manya ahomeye,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 3:13
22 Iomraidhean Croise  

ansa na makɔ deɛ merensane memma, na makɔ sum ne sunsum asase so,


esum kabii a ɛte sɛ ɔdasuom tumm asase, sunsum ne sakasaka asase a hann te sɛ ɔdasuom tumm no.


Wotintim ne so ma no twam kɔ, wosakyera n’anim na wosum no kɔ.


Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma.


Sɛ mede Asamando yɛ me fie, na meto me mpa esum mu,


Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛdi m’asɛm ama me wɔ asase so.


Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi. Me sawa resa wɔ me mu.


Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wɔsiane kɔ Asamando ntɛm so.


Obi wɔ ahoɔden pintinn nanso ɔwu, berɛ a ne ho tɔ no, na n’aso mu dwo no.


Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda, na mmoaa kata wɔn so.


Ɔhyeɛ ne ahuhuro na ɛnane sukyerɛmma nsuo, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ.


Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua.


Nsamanfoɔ ho popo nsuo ne wɔn a wɔte mu no ase.


Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena.


Adɛn nti na anankoroma sɔɔ me, na adɛn nti na metoo nufoɔ menumiiɛ?


Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan