Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 27:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ bere a amanehunu aba wɔn so no ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn tie ne sufrɛ ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 So Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ bere a ahohia bɛba no so no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 27:9
19 Iomraidhean Croise  

Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.


Wɔsu frɛe a ɔgyefoɔ bi nni hɔ, wɔfrɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.


Na mepɛkyɛɛ wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturo, mframa anim, mesesaa wɔn meguu sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Sɛ medi ahuhudeɛ akyiri m’akomam a, anka AWURADE rentie me.


Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa, na mo amaneɛ ba sɛ ahum, ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.


Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.


Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.


Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.


Na mosane bɛsuu AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo.


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan