Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 27:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mekura me trenee mu, merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu; me koma remmu me fɔ me nna biara ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 27:6
16 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem.


Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ, na deɛ ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumuyɛfoɔ.


Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:


ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no.


Sɛ me nan mane firii ɔkwan no so, na m’akoma dii m’ani akyi, na nkekaeɛ wɔ me nsam a,


Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.


Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn.


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Mompɛ mu bio ɛ, na mommmu ntɛnkyea; na monsane mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.


Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.


Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.


Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan