Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 27:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, —

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, —

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no, Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee, Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ, ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 27:2
26 Iomraidhean Croise  

Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die.


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na Elia kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, ɛyɛ dɛn ara a nnɛ mede me ho bɛkyerɛ no.


Na ɔduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔ no soɔ no, ɔbɛsosɔɔ ne nan. Na Gehasi twe pinii sɛ ɔrebɛsum no. Na Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ aho wɔ ne mu, nanso AWURADE de ahunta me, na wanka ankyerɛ me.


Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?


Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa, na wasum me ato abɔnefoɔ nsam.


ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asau atwa me ho ahyia.


Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu, na Otumfoɔ ayi me hu,


Na Hiob aka sɛ: Metene, nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ.


Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ,


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,


ɔmmma mennya ahomegyeɛ, na ɔde awerɛhoɔ hyɛ me ma tɔ.


Adɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahunta AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so?


Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.


na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.


Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,


Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.


Na sɛ AWURADE a ɔgye Israel te aseɛ yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan mpo so a, wuo na ɔbɛwuo. Na ɛdɔm no mu biara ammua no.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te aseɛ yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan