Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 22:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ, na nwisiaa abasa nso, wɔabubu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ, na nwisiaa abasa nso, wɔabubu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Woama mmea akunafo de nsapan kɔ, na nyisaa abasa nso, wɔabubu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 22:9
20 Iomraidhean Croise  

Ɔdidii obonini a ɔnwoɔ mpo ho, na wanyɛ ɔbaa kunafoɔ yie.


Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa.


na sɛ mama me nsa so awisiaa so, ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a,


Awisiaa so mpo moretwe ntonto, na mo yɔnko tiri nso moredi ano.


Bubu abɔnefoɔ basa, na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.


na abɔnefoɔ abasa bɛbubu, na AWURADE wowa ateneneefoɔ.


Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu;


Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee, montenetene omimfoɔ, monni mma awisiaa, na mompere nnye okunafoɔ.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!


Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie.


Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam;


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


(Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.)


Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan