Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Woamma opititɔfoɔ nsuo annom, na woakame deɛ ɔdi kɔm aduane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Woamma opititɔfoɔ nsuo annom, na woakame deɛ ɔdi kɔm aduane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Woamma abrɛfo nsu annom na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Woamma abrɛfoɔ nsuo annom na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Woamma opititɔfo nsu annom, na woakame nea odi kɔm aduan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 22:7
13 Iomraidhean Croise  

Sɛ masianka mmɔborɔfoɔ afiri deɛ wɔhwehwɛ ho, na mama akunafoɔ ani abu,


na me nkutoo madi m’aduane, na awisiaa anni mu bi a,


ampa ara me ntomadan mufoɔ anka sɛ: Hwan na Hiob maa no nam a ammee no?


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.


Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?


na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,


na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,


Na ɛkɔm dee me, na moamma me biribi anni, sukɔm dee me, na moamma me biribi annom;


Enti sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane! Sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan