Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:8
14 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Tamar sesaa nso guu n’atifi, na ɔsunsuanee n’atadeɛ nworonnworan a ɛhyɛ no no mu, na ɔde ne nsa guu ne ti de benabɔ ara kɔe.


Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.


Na ne yere bisaa no sɛ: Woda so kura wo mudie no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


M’akuro bɔn na aporɔ m’agyimisɛm nti.


Na ahyehyekuro ayɛ m’asene mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu;


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ, na wɔteam yayaaya de dɔteɛ gugu wɔn atifi yantamyantam nso mu,


Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan