Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii n’apampam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii ne mpampam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti Satan fii Awurade anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:7
14 Iomraidhean Croise  

Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho.


Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.


Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ, sɛ ntoma a nweweboaa redie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.


Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye.


Me honam fira mmoaa ne dɔteɛ abon, me wedeɛ ayɛ twann, na ɛrefiri nsuo.


Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.


AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.


AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.


na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan