Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:5
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.


Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ.


Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.


Na ne yere bisaa no sɛ: Woda so kura wo mudie no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Yi wo haw firi me so. Wo nsa ano hweɛ rehye me.


ɔman a wɔyi me ahi wɔ m’anim daa, wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu, na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ;


Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na ayɛ den ama wɔn na ɛkɔm ade wɔn; na ɛberɛ a ɛkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadanedane wɔn ani akyerɛ soro,


Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu;


Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne.


Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan