Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:4
15 Iomraidhean Croise  

Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no.


Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.


Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.


Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?


Ɔkra sene aduane, na nipadua sene ntoma.


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan