Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:12
17 Iomraidhean Croise  

Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi.


Na ɔwiee kasa no ara pɛ na hwɛ, ɔhene mma no baeɛ, na wɔmemaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu kɛseɛ pa ara.


Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔgyesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase.


Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.


Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,


m’abusuafoɔ atwe wɔn ho kɔ, na wɔn a meni wɔn werɛ afiri me;


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ, na wɔteam yayaaya de dɔteɛ gugu wɔn atifi yantamyantam nso mu,


Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.


Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansu bio.


Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan