Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so yi nyinaa no, wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wobehyiae sɛ wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 2:11
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no.


Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.


Yeinom ne Esau mma mu atitire: Esau abakan Elifas mma: Otitire Teman, otitire Omar, otitire Sefo, otitire Kenas,


Na Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ no bɛdii n’adeɛ.


Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmammaa nyinaa bae sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ, nanso wamma wɔankyekyere ne werɛ. Na ɔkaa sɛ: Mede awerɛhoɔ yi ara bɛkɔ me ba nkyɛn wɔ Asamando. Na n’agya suu no.


Na Abraham mpena Ketura mma: Ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan mma ne: Seba ne Dedan.


Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ bɛdii n’adeɛ.


Na wɔn agya Efraim gyam wɔn nna pii, na ne nuanom ba bɛkyekyeree ne werɛ.


Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:


Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.


Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ:


Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ.


Me nnamfo mpo di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no.


Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:


Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwunu, na m’adɔfo adane wɔn ani atia me.


Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Nyankopɔn nsa aka me.


Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ:


Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.


Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.


Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.


Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ; anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.


Tema akwantemfoɔ asafo no hwɛe, Seba anantefoɔ ani daa so,


Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:


Adamfo dɔ berɛ nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa ahohiahia.


Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.


Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.


Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ, hwan na ɔbɛgyam woɔ? Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena; mɛkyekyere wo werɛ sɛn?


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.


na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan