Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 17:9
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei.


Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.


Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.


Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem; meremma wɔnyi me mudie mfiri me ho de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛgyaa mu.


Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.


Sɛ me nan mane firii ɔkwan no so, na m’akoma dii m’ani akyi, na nkekaeɛ wɔ me nsam a,


Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a, ɔteneneeni bɛyɛ dɛn?


Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Ampa ara, mate m’akoma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdie mu kwa,


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso, Yakob Nyankopɔn!


Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio, na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ.


Ɔteneneeni remfiri n’ananmu da biara da, na abɔnefoɔ deɛ wɔrentena asase so.


Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.


Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.


Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan