Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 16:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu na ɔtwɛre ne se gu me so; nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu na ɔtwɛre ne se gu me so; deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Watetew me n’abufuw mu na ɔtaa me; ɔtwerɛ ne se gu me so; m'ahohiafo no nworam n’ani hwɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 16:9
17 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo?


Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.


Wo a wotete wo ho w’abufuo mu. Wo nti na wɔbɛgya asase, na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa?


Wama n’abufuo afram me so, na ɔbu me sɛ n’atamfo mu baako.


Woadane ayɛ sɛ otirimuɔdenfoɔ ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asie.


Hwɛ, ɔhunu ntɔkwa nsɛm wɔ me ho, ɔbu me sɛ ne tamfo.


na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.


Sɛ asansanfoɔ pɛ nkyewankyewa ho tena di fɛw no, wɔtwɛree wɔn se guu me so.


Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,


Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


W’atamfo nyinaa trɛtrɛ wɔn anomu tia wo; wɔhinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛasɛe no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie! Yɛanya, yɛn ani ahunu!


Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ, ne tasuo mu gyata;


Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim ne gyataburuwa ma Yuda fie; me, me na mɛtete mu makorɔ, mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan