Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 16:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Sɛ mo wɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Anka me nso metumi akasa sɛ mo, sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo; anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ mewɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawosow me ti magu mo so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 16:4
21 Iomraidhean Croise  

Yei ne asɛm a AWURADE aka agu ne soɔ no: Ɔbaabunu Sion babaa no bu wo animtia yi wo ahi, Yerusalem babaa rewoso ne ti wɔ w’akyiri.


Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi, anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?


aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.


Hiob bue n’ano kwa, na nimdeɛ a ɔnnie mu, ɔma nsɛm dɔɔso.


Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ; anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.


Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti.


Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:


Dane to AWURADE so, ma no nnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!


Wode yɛn ayɛ akasabebuo amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn tiri nko wɔ yɛn ho.


Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu, na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ.


Ɔkwasea nso ma nsɛm dɔɔso. Onipa nnim deɛ ɛreba, na deɛ ɛbɛba n’akyire no, hwan na ɔbɛkyerɛ no?


yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabunu Sion babaa no bu w’animtia si wo atwetweɛ; w’akyiri na Yerusalem babaa rewoso ne tire.


Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo ne daa fɛdie adeɛ. Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no, na wawoso ne ti.


Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti.


Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie?


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


Enti adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara; na yei ne mmara ne adiyifoɔ no.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan