Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu? Obiara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu? Obiara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 14:4
12 Iomraidhean Croise  

Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo, wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,


Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.


Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan