Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛ mumua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ nyansa ma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 13:5
14 Iomraidhean Croise  

Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa? Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?


Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.


Montie me nkurobɔ, na monyɛ aso mma m’anoyie.


Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie? Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua?


Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn? Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa.


Mobɛha me kra akɔsi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?


Monnane mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiri mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano.


Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.


Na sɛ wɔnkasa bio, na wɔgyina hɔ, na wɔmmua bio nti, mentwɛn anaa?


Ogyimifoɔ mpo, ɔmua n’ano a, wɔbu no nyansafoɔ, aane, deɛ ɔka n’ano tom no, ɔyɛ nhunumuni.


Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu.


Saa nti ɔba nimdefoɔ mua n’ano, ɛberɛ no mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ bɔne.


Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan