Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 13:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 eyi ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ ɔbɔnefo remma n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 13:16
15 Iomraidhean Croise  

Montie, montie deɛ mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.


Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no, na mafiri me temmufoɔ nsam korakora.


Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa.


Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.


Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ, na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,


M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ.


Meda wo ase sɛ woagye me soɔ, na woayɛ me nkwagyeɛ.


AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan