Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 10:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ, na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ, nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 10:7
35 Iomraidhean Croise  

Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue, na sɛ metene nso a, meremma me tiri so; ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.


Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene, na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.


Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem.


Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


N’anammɔn mu na me nan tintimiiɛ, mahwɛ ne kwan, na mammane.


Na ɔto gu ne so, na ɔnni ne ho adɔna, dwane ara na ɔrepɛ adwane afiri ne nsam.


ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn sɔre a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Na sɛ ɔbisa a, ɛdeɛn na mede bɛbua no?


O, sɛ anka merenya obi a ɔbɛtie me ɛ! (Hwɛ, m’agyiraeɛ nie! Otumfoɔ mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no retwerɛ asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!


ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no.


Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.


Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.


Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no? Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho; me nkwa afono me.


Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese: Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn.


Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei, na amumuyɛdeɛ bi wɔ me nsam,


Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfiri me nsam.


Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim ne gyataburuwa ma Yuda fie; me, me na mɛtete mu makorɔ, mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan