Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:8
29 Iomraidhean Croise  

Na ne nsɛso hene bi anni n’anim a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyiri nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ, wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.


Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Sɛ ɔgye ne home fa na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,


Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu, na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa.


Na me ho nni asɛm wɔ n’anim, na mehwɛɛ me ho so firii amumuyɛ ho.


Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.


Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa wɔ n’akoma mu: Nyankopɔn suro biara nni n’ani so.


Firi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa;


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Mahunu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no.


AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire.


Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.


Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.


Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie!


M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan