Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, sɛ ɔbɛkasa atia Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:22
11 Iomraidhean Croise  

Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.


Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Enti mo a mowɔ tire, montie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm,


Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan