Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:16
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.


Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.


Na Elia bua see aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum no! Na ogya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.


Na Elia bua see wɔn sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum! Na Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.


Hwɛ, ogya afiri ɔsoro aduru abɛhye akane aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra boɔ nyɛ den w’ani so.


Otumfoɔ, fa w’afena bɔ w’asene, fa w’animuonyam ne w’ahensɛm bɔ abɔsoɔ.


Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyee ebunu bayaa no, na na ɛrehye asase no bi.


Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.


Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan