Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:10
29 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.


Mebaa wo nkyɛn no, na deɛ wowɔ no sua, na afei aseɛ atrɛ ayɛ pii, na AWURADE ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fie nso?


Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.


Na ɛfiri berɛ a ɔde no sii ne fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fie, na AWURADE nhyira baa deɛ ɔwɔ nyinaa so, efie ne afuom.


Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ!


berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu, na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no.


na sɛ m’ani gyee sɛ m’ahodeɛ dɔɔso, ne sɛ me nsa aka adeɛ bebree,


Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.


Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan.


AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia, na ɔgye wɔn.


Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.


Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadane w’ani akyekyere me werɛ.


Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan soɔ nyinaa tete no yi?


Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn, aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.


na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ, na ɔtetɛɛ mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na ɔtuu mu nsakyi-amena nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba: Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.


Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.


AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so, ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku, ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na aseɛ na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim, na waka sɛ: Dwɛre wɔn.


na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


wɔyɛɛ yɛn ho fasuo anadwo ne awia berɛ a yɛne wɔn teɛ a yɛrehwɛ nnwan no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan