Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:1
34 Iomraidhean Croise  

Na Aram mma ne Us, Hul, Geter ne Mas.


Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.


Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Sem mma ne: Elam, Asur, Arfaksad, Lud, Aram, Us, Hul, Geter ne Mesek.


Eser mma ne: Bilhan ne Saawan ne Yaakan. Dison mma ne: Us ne Aran.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ, na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?


Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho; me nkwa afono me.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.


Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.


Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra.


Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.


AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire.


ne amamfrafoɔ no nyinaa, ne Us asase so ahemfo nyinaa, ne Filistifoɔ asase so ahemfo nyinaa, ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkaeɛ no,


Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye, Edom babaa a wote Us asase soɔ no; wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba, wobɛboro na w’adagya ada adi.


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, wɔrennye ɔbabanin ne ɔbabaa; na wɔn deɛ, wɔn tenenee so na wɔbɛgye wɔn kra.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Ma no nkyiri bɔne na ɔnyɛ papa, ma no nhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan