Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔn a wɔaka no, ɔka kyerɛɛ wɔn m’asom sɛ: Munkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum; mommma mo aniwa nnkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 9:5
18 Iomraidhean Croise  

Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo nkrantɛ mmobɔ mo asene, na montwa nkɔ, na monsane mmra, mfiri nsraban no tia nkɔ tia, na monkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.


wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ, wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho, na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.


Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ: Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo kɔsi berɛ a mobɛwuwuo! Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;


Na owuo aforo afa yɛn mpomma mu, waforo aba yɛn aban fɛfɛ mu, sɛ ɛbɛtwa mmotafowa afiri mmorɔno so ne mmeranteɛ afiri mmɔntene so.


Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.


Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ; w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.


Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.


Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan