Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 8:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so mekɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔremuka ponkɛse no atifi fam na ninkuntwe honi no si abobow ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 8:5
8 Iomraidhean Croise  

Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.


Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni maa no twee ninkunu.


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Na wɔsisii wɔn akyiwadeɛ, efie a wɔde me din atoɔ no mu de guu ho fi.


Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE seɛ nie, wɔde wɔn akyiwadeɛ asisi efie a wɔde me din atoɔ no mu, de agu ho fi;


Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.


Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan