Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea Israel fi mpanyimfo reyɛ esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmiako mmiako? Efisɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agyaw asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 8:12
21 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ no nam aseɛ dii nsɛm a ɛmfata, na ɛne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asie, na wɔsisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ abantenten so kɔsi afasuo nkuro so,


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na wɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn bɛhunu, nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa?


Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?


Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.


Na Israel mpanimfoɔ mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim.


Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.


Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ bio.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu? Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛsene yeinom bio.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


Ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunta yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan