Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna mehyɛn mu mekɔhwɛe, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wokyi nyinaa ne Israel fi abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu no ho ahyia yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 8:10
22 Iomraidhean Croise  

Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn.


Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.


Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma.


Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ.


Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu.


Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.


na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.


Na ɔmaa n’adwamammɔ kɔɔ so; na ɔhunuu mmarima a wɔakurukyire wɔn ɔfasuo ho, Kaldeafoɔ mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyire,


Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛne mu kɔhwɛ akyiwadeɛ bɔne a wɔreyɛ no wɔ ha.


na wɔsakyeraa Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔ honi nsɛsoɔ, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea deɛ.


Nni akyiwadeɛ biara.


Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasene amfa, adeɛ biara tebea, ɔbarima anaa ɔbaa nsɛsoɔ,


adeɛ biara a ɛwea fam nsɛsoɔ, apataa biara a ɔwɔ nsuo mu, asase ase nsɛsoɔ.


Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.


Sɛ mowo mma na mo mma nso wo, na mokyɛre asase no so, na modi asɛmmɔne yɛ ohoni, adeɛ biara tebea, na moyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan