Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awiei no adu wɔ wo so, na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 7:3
27 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa; na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam, woankae wɔn awieeɛ.


Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.


Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na mede mmaa awaresɛefoɔ ne mogyakagufoɔ atemmudeɛ bɛbu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyeɛ ne ninkuntwe mogya,


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no.


Ɛno nti Israel fie, mɛbu mo mo akwan ho atɛn mmaako mmaako, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Monsane na monnane mo ho mfiri mo mmaratodeɛ nyinaa ho, na mmusuo anyɛ suntidua amma mo.


Na wo, ɔbɔnefoɔ a woatɔ, Israel berempɔn a ne da aduro, awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no,


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


nanso moka sɛ: AWURADE kwan ntene! Sɛdeɛ obiara kwan teɛ no, saa na mɛbu mo atɛn, o Israel fie.


Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn.


Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.


Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.


Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awieeɛ no aduru ama me man Israel, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan