Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na mo afɔremuka adan afo, na wɔabubu mo wia adum no, na mama mo atɔfo agugu mo abosom ahoni anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 6:4
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.


Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.


Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.


Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna bi reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti.


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan