Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon ni: Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 6:3
14 Iomraidhean Croise  

Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.


Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


O asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm!


Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.


Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.


Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


Montie deɛ AWURADE ka ɛ: Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim, na nkokoɔ ntie wo nne.


Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ, na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel bɛyi atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan