Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 6:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 6:2
17 Iomraidhean Croise  

Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:


na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ ebuo mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛseɛ mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ Israel mmepɔ soɔ.


Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ,


Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no,


Na sɛ wɔbisa wo sɛ: Ɛdeɛn ho na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm ntira, ɛfiri sɛ ɛreba, na akoma nyinaa bɛnane, na nsa nyinaa mu agogo, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adanedane nsuo. Hwɛ, ɛreba na abɛyɛ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn.


Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,


Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ;


adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so.


Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa.


Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm:


na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,


Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan