Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yerusalem yi, mede no masi amanaman ntam, na nsaase atwa ne ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 5:5
12 Iomraidhean Croise  

Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu Yerusalem nnua ngu, na monhɔre ho epie, ɛyɛ kuro a ɛsɛ asotwe, amimdie nko ara na ɛwɔ mu.


Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ.


Na w’ahoɔfɛ nti wo din trɛtrɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede hyɛɛ woɔ no maa no wiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem,


Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta.


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!


Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn firi mo anim no, saa ara na mobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan