Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na fa emu kakraa a ne dodow sua kyekyere w’atade ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 5:3
9 Iomraidhean Croise  

Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.


Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.


Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa asase no so ahiafoɔ no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.


Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.


Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so.


Na ɔpono teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua.


Na sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa tenenee a, ɛhe na deɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfoɔ bɛgyina?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan