Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 48:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Yuda nsase no hyeɛ a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛdeɛ sononko no bɛdi. Ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tentene, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no ne mmusuakuo no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na nea edi Yuda hye so fi apuei de kɔ atɔe no nyɛ soma asase a momma so no, ne trɛw nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum; na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfi apuei nkosi atɔe, na kronkronbea no nna mfinimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 48:8
13 Iomraidhean Croise  

Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Mmasoɔ asase a monyi mma AWURADE no ntwemu nie: Susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du.


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,


Na manhunu asɔredan biara wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa no ne n’asɔredan.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Na mmusuo biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no na ɛbɛsi mu, na ne nkoa bɛsom no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan