Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 41:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ano kwan trɛ yɛ basafa nnum, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa mmienu ne fa wɔ ha na basafa mmienu ne fa wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu ne ne trɛ, basafa du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ano kwan trɛ yɛ basafa nnum, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa mmienu ne fa wɔ ha na basafa mmienu ne fa wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu ne ne trɛ, basafa du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn dunum, na afasu a epuepue wɔ afaanu no trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ano kwan trɛw si basafa anum, na ano kwan no nkyɛn nkyɛn yɛ basafa abien ne fa wɔ ha ne basafa abien ne fa wɔ ha; na osusuw ne ntwemu basafa aduonu ne ne trɛw basafa du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 41:2
11 Iomraidhean Croise  

Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu.


Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn.


Nso wɔtoo ntwironowa no apono mu, na wɔdunnumm nkanea no, na wɔanhye aduhwam, na ɔhyeɛ afɔdeɛ nso wɔammɔ no kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.


Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduasa, na ne trɛ nso basafa du.


Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano.


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano.


Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.


Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan