Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 4:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, metwa aduan a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyeraw bedi aduan a wɔkyekyɛ mu na wɔde abasamtu anom nsu a wɔkyekyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, mɛtwa aduane a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyera bɛdi aduane a wɔkyekyɛ mu, na wɔde abasamutuo anom nsuo a wɔkyekyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, brodoto begyae wɔ Yerusalem, na wɔadi brodo nkarii so, ne nkɔmmɔdi mu, na nsu nso wɔanom no nsusuwii ne ahodwiriw so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 4:16
18 Iomraidhean Croise  

Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.


Na ɛkɔm kɛseɛ baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kɔsii sɛ wɔtɔn afunumu ti gyee nnwetɛbena aduɔwɔtwe, na mmuruburo bini kab abupɛn nnan mu baako gyee nnwetɛbena nnum


Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so, ɔbubuu aduane poma nyinaa mu;


Woama wo man ahunu deɛ ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa.


Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,


Bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ ma asase no so nkurɔfoɔ no.


Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome hwehwɛ aduane; wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane de hyɛ wɔn ho den. O AWURADE, hwɛ na hunu; na wɔbu me animtiaa!


Nsuo a yɛnom, yɛtua ka, yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn.


Yɛn nkwa kurakura yɛn nsam, na yɛkɔpɛ yɛn aduane wɔ ɛserɛ so, afena no anim.


Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne di afomfonsɛm bi, na metene me nsa wɔ so, na mebu ne paanoo dua mu, na mema ɛkɔm ba so, na metwa nnipa ne mmoa firi so,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so.


Ɛberɛ nso a mede ɛkɔm agyan bɔne bɛtoto wɔn ama ɔsɛeɛ aba no, deɛ mɛtoto sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɛkɔm adɔɔso mo so, na mabu mo paanoo dua no.


Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee.


Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔɔ kuro baako so kɔnom nsuo, nanso wɔammee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no se: Bra! Na mehunui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ tuntum bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania wɔ ne nsa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan