Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 39:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wo, onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 39:1
12 Iomraidhean Croise  

Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu!


Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.


Yawan, Tubal ne Mesek ne wo di dwa, nnipa ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ na wɔde gye w’adwadeɛ.


Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ, na mɛtene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛyi w’atadeɛ mmuano afa w’anim, na mama amanaman ahunu w’adagya, na ahennie aman ahunu w’ahohora.


na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan