Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 3:7
22 Iomraidhean Croise  

Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, wɔnkata so. Wɔn kra nnue! Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho.


Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ: Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no. Nanso wɔse: Yɛrentie.


Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.


Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.


Na ne mogya wɔ ne mu; waka agu ɔbotan kwawee so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔteɛ akata so.


ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo.


Hwɛ, mayɛ w’anim denden wɔ wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den atia wɔn moma so.


Nanso wɔampene sɛ wɔtie, na wɔwosoo wɔn mmati, na wɔsoroo wɔn aso na wɔante.


Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan