Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 3:3
18 Iomraidhean Croise  

N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.


Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ! Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Sɛdeɛ mesi dɔ wo mmara! Ɛno ne m’adwene da mu nyinaa.


Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika ne sika amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ ne ahwedeɛ mu nsuo.


Wɔnam so bɔ w’akoa kɔkɔ, ɛsodie mu wɔ akatua pii.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Na sɛ mese: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio, a, na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mesɔ mu a mebrɛ ho, na mentumi.


Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma, mabrɛ ne me ho so hyɛ: Hwie gu mmorɔno so mmotafowa ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so; na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa, akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ.


Na ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim, na wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔatwerɛ mu kwadwom, apinisie ne mmusuo.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.


Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam.


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan