Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 26:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu aman no pono no, ɛbɛdane aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu aman no pono no, ɛbɛdane aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa ba, esiane sɛ Tiro ka Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu nkurɔfo no pon no, ɛbɛdan aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 26:2
27 Iomraidhean Croise  

Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.


Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so, wɔse: Wiɛ, wiɛ, yɛn ani ahunu!


Wɔn a wɔse me sɛ: Wiɛ, wiɛ no, ma wɔn ho nnwiri wɔn, wɔn aniwuo akatua so.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie, na wɔn ani nnye wo ho; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ nka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.


Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no, ma wɔnsane wɔn akyi, wɔn aniwuo akatua ho.


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.


Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa.


ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,


na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene,


ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.


Amon mma deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel nni mmabanin, anaasɛ ɔnni ɔdedini? Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad, na ne manfoɔ tete ne nkuro mu?


Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ.


mede mama apueeɛ mma apae Amonfoɔ deɛ no so, na mama wɔafa adi wɔn so, deɛ ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfoɔ bio aman mu,


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woabɔ wo nsamu na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama w’akoma atɔ wo yam atia Israel asase nti,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fie ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,


Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti,


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan