Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 26:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɛpo so abirempɔn nyinaa refi wɔn agua so asiansian, na wɔayiyi wɔn nguguso, na wɔaworɔworɔw wɔn nkyeremu ntade, na wɔafura ahopopo atenatena fam, na wɔn ho apopo bere nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiriw wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 26:16
32 Iomraidhean Croise  

W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.


Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo.


Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.


Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.


na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.


Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae.


Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.


Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma!


Sɛdeɛ wɔasi adwiri no! Sɛdeɛ wɔsi twa agyaadwoɔ! Sɛdeɛ Moab si de aniwuo dane n’atikɔ! Saa ara na Moab adane aseredeɛ ne ahodwirideɛ ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa.


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;


Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, mato wo atwene fam, mede wo ato ahemfo anim sɛ wɔnhwɛ wo.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe.


na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so, berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu, wɔn nyinaa nkwa nti, w’ahweaseɛ da no so.


Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Wɔbɛdi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi, ampa ara ɔbɛbobom, na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.


Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,


na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan