Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 26:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔde w’ahonyade bɛyɛ asade, na wɔafomfom w’aguade, na wɔaburuw w’afasu, na wɔadwiriw w’anigye afi, na wɔatotow w’abo ne wo nnua ne wo dɔte agu nsu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 26:12
19 Iomraidhean Croise  

Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa


Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ.


Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?


Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛso pii no ntira.


Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;


Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔne ankɔbeahene baeɛ no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo no nyinaa hyiae.


ɛbɛyɛ asau hatabea wɔ ɛpo mu. Na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na ɛbɛyɛ amanaman asadeɛ,


Amena mu na wɔde wo bɛsiane akorɔ, na woawu atɔfoɔ wuo, ɛpo mfimfini.


Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.


Na ɔbɛso aba ne nuanom mu. Apueeɛ ahum bɛtu, AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ, na n’asubura mu awe, na ne nsuo aniwa to atwa; na ɔbɛfom adekoradan mu afɛfɛdeɛ nyinaa.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Momfom dwetɛ, momfom sika! Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ, nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru.


Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan