Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 26:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 N’apɔnkɔ dodoɔ nan ase mfuturo bɛkata wo so, apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti, w’afasuo bɛwosowosoɔ, berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 N’apɔnkɔ dodoɔ nan ase mfuturo bɛkata wo so, apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti, w’afasuo bɛwosowosoɔ, berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 N’apɔnkɔ dodow nti wɔn tutuw bɛkata wo so, apɔnkɔsotefo ne nkyimii ne nteaseɛnam gyegyeegye nti na w’afasu bɛwosowosow, bere a ɔfa w’aponkɛse mu aba mu sɛ wɔn wɔnhyɛn kurow a wɔabu mu afa mu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 26:10
11 Iomraidhean Croise  

na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti, agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma, wɔn nsa mu goɔ no nti,


na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Tiro nie: Ɛnyɛ w’ahweaseɛ huuyɛ, w’atɔfoɔ apenepene, kum a wɔkunkumm wɔ wo mu nti na nsupɔ bɛwosowosoɔ?


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.


Na ɔde ne dwirie adeɛ asisi w’afasuo ho, na ɔde n’akodeɛ adwiri w’aban atentene.


W’ahyɛn kwankyerɛfoɔ nteamu nne ma mpoano asase wosowoso,


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.


Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan